AI forum assist Search, summarize, and draft without leaving the discussion.

Hwan na ɔbɛtumi atwe nsuo a emu dɔ-gctid222482

Started by Tenkamenin, Feb 22, 2017, 06:50 AM

Previous topic - Next topic

Tenkamenin

Mɛyɛ adwuma a Onyankopɔn ama me.

Menam kwan so a IFA kyerɛ me.

Saa na IFA kyerɛɛ Agbonbula, nea a ɔbɛtumi atwe nsuo a emu dɔ sɛ ɔbɛnya ahonyadeɛ.

Ɔɔmo ka kyerɛ Agbonbula sɛ, ɔbɔ afɔdeɛ.

Ɔtiiɛ afei ɔbɔɔ afɔdeɛ.

Merenni nkoguo sɛ, mɛtwe nsuo a emu dɔ anya ahonyadeɛ.

Merenni nkoguo sɛ, mɛtwe nsuo a emu dɔ sɛ mɛbɔ bra pa.

I pursue the work my destiny has assigned me.

I walk the path IFA directs me.

This was the teaching of IFA for Agbonbula, Who would drain the deepest waters in order to be prosperous.

They said he should practice sacrifice. He heard it he complied.

 I will not fail to drain the deepest waters in order to be prosperous.

I will not fail to drain the deepest waters to achieve goodness.

Sent from my iPhone using Abibitumi Kasa
Woforo dua pa a, yɛpia wo.

If you climb a good tree, we push you.

Csalaam

QuoteTenkamenin;222482 wrote: Mɛyɛ adwuma a Onyankopɔn ama me.

Mɛnam kwan so a IFA kyerɛ me.

Saa na IFA kyerɛɛ Agbonbula, nea a ɔbɛtumi twe nsuo a emu dɔ sɛ ɔbɛnya ahonyadeɛ.

Ɔɔmo ka kyerɛ Agbonbula sɛ, ɔbɔ afɔdeɛ.

Ɔtiiɛ afei ɔbɔɔ afɔdeɛ.

Merenni nkoguo sɛ, mɛtwe nsuo a emu dɔ anya ahonyadeɛ.

Merenni nkoguo sɛ, mɛtwe nsuo a emu dɔ sɛ mɛbɔ bra pa.

I pursue the work my destiny has assigned me.

I walk the path IFA directs me.

This was the teaching of IFA for Agbonbula, Who would drain the deepest waters in order to be prosperous.

They said he should practice sacrifice. He heard it he complied.

I will not fail to drain the deepest waters in order to be prosperous.

I will not fail to drain the deepest waters to achieve goodness.

Sent from my iPhone using Abibitumi Kasa
Mo mo mo. Mo ne dwuma. Yei yɛ papaapa.

Mepa kyɛw, meserɛ wo mmoa. Mewɔ nsɛmmisa. Berɛ a wose "mɛtwe nsuo a emu dɔ sɛ mɛbɔ bra pa." no, sɛn na "dɔ" kyerɛ? Nso, "mɛbɔ bra pa" kyerɛ "will create good life". Memmoa, anaa? na "afɔdeɛ" ne "ahonyadeɛ" kyerɛkyerɛ sɛn?
Mfomso kyerɛ nnipa nyansa, nti nea ɔse ɔmfomm da no, ahwere adeɛ.

Tenkamenin

QuoteCsalaam;227719 wrote: Mo mo mo. Mo ne dwuma. Yei yɛ papaapa.

Mepa kyɛw, meserɛ wo mmoa. Mewɔ nsɛmmisa. Berɛ a wose "mɛtwe nsuo a emu dɔ sɛ mɛbɔ bra pa." no, sɛn na "dɔ" kyerɛ? Nso, "mɛbɔ bra pa" kyerɛ "will create good life". Memmoa, anaa? na "afɔdeɛ" ne "ahonyadeɛ" kyerɛkyerɛ sɛn?
Meda wo ase,

emu dɔ = deep

afɔdeɛ = sacrifice

Ahonyadeɛ= Wealth
Woforo dua pa a, yɛpia wo.

If you climb a good tree, we push you.

Csalaam

QuoteTenkamenin;227746 wrote: Meda wo ase,

ɛmu dɔ = deep

afɔdeɛ = sacrifice

Ahonyadeɛ= Wealth
Yoo, mate. Meda ase.
Pa kyɛw, medwenee sɛ "sacrifice" kyerɛ "afɔreɛ". Meboa, anaa?

"Abosom na ɛkyerɛ kɔmfoɔ ntwaho"
Mfomso kyerɛ nnipa nyansa, nti nea ɔse ɔmfomm da no, ahwere adeɛ.

Tenkamenin

QuoteCsalaam;227771 wrote: Yoo, mate. Meda ase.
Pa kyɛw, medwenee sɛ "sacrifice" kyerɛ "afɔreɛ". Meboa, anaa?

"Abosom na ɛkyerɛ kɔmfoɔ ntwaho"
Akuapem kasa: Afɔre

Asante kasa: Afɔdeɛ

Sent from my iPhone using Abibitumi Kasa
Woforo dua pa a, yɛpia wo.

If you climb a good tree, we push you.

Csalaam

Ah mate, meda ase

"Abosom na ɛkyerɛ kɔmfoɔ ntwaho"
Mfomso kyerɛ nnipa nyansa, nti nea ɔse ɔmfomm da no, ahwere adeɛ.

Tenkamenin

QuoteCsalaam;227773 wrote: Ah mate, meda ase

"Abosom na ɛkyerɛ kɔmfoɔ ntwaho"
Wo wɔ Akan Dictionary anaa?

Sent from my iPhone using Abibitumi Kasa
Woforo dua pa a, yɛpia wo.

If you climb a good tree, we push you.

Csalaam

Aane, mewɔ dodoɔ beberee. Medwene sɛ wɔ nsɛmfua nwoma no mu ɛkyerɛ sɛ afɔreɛ yɛ Asante Twi. Menhu sɛ ɛyɛ akuapem. Nanso mɛhwɛ bio.

"Abosom na ɛkyerɛ kɔmfoɔ ntwaho"
Mfomso kyerɛ nnipa nyansa, nti nea ɔse ɔmfomm da no, ahwere adeɛ.

Ɔbenfo Ọbádélé

QuoteTenkamenin;227746 wrote: Meda wo ase,

ɛmu dɔ = deep

afɔdeɛ = sacrifice

Ahonyadeɛ= Wealth
ɛmu -> emu
__________

Ọbádélé Kambon, PhD
Nana Kwame Pɛbi Date I, Ban mu Kyidɔmhene, Akuapem Mampɔn
Senior Research Fellow & Research Coordinator - Language, Literature and Drama Section
Institute of Kmtyw Studies - College of Humanities
Editor-in-Chief - Ghana Journal of Linguistics
Secretary (2015-2020) - Kmtyw Studies Association of Kmt
+233249195150 / +19192836824 | me@obadelekambon.com
www.obadelekambon.com | www.abibitumi.com
Room 115 IAS Kwame Nkrumah Complex
University of Ghana - Legon
Alternate Email: obkambon@staff.ug.edu.gh

Ọbádélé Kambon App

Abibitumi.com App

Ɔbenfo Ọbádélé

Wobɛhwɛ a, Asantefoɔ de /r/, /d/ ne /l/ sisi wɔn ho wɔn ho anan mu.
Te sɛ:
ware tumi yɛ /awadeɛ/ /awareɛ/ anaasɛ /awaleɛ/
Deɛ ɛdi kan ɛna deɛ ɛtɔ so mmienu pɛ na yɛtwerɔ.
Afei monhwɛ:
tare a ɛtumi dane /atadeɛ/ (anaasɛ /ataadeɛ/), /atareɛ/ (nnipa bi te sɛ Suhumfoɔ nso na wɔtaa ka no saa) anaasɛ, kasa mu, /ataleɛ/ (nanso yɛntwerɔ /ataleɛ/ da)
Nhwɛsoɔ foforɔ ne:
akwadaa a ɛtumi pue sɛ /akɔdaa/, /akɔraa/ anaasɛ /akɔlaa/

Yei nti na Asante Twi, wotumi hunu biribi te sɛ /afɔdeɛ/, /afɔreɛ/ anaasɛ /afɔleɛ/ (deɛ ɛtwa toɔ no deɛ, yɛntwerɔ, nanso ebinom ka)
Afei nso, ɛno nti na Asante Twi mu, yɛda so wɔ afɔrebɔ; afɔrebɔdeɛ, afɔremuka ne afɔrepono.

Ghana, Education Department of. Twi Nsɛm Nkorɛnkorɛ Kyerɛwbea.  Accra: Waterville Publishing House, 1971.
Anane, J.O. Advanced Akan Dictionary: Akuapim, Asante and Fante with Humans Names and Meanings. 2nd ed.  Anwomaso, GH: Prisebs Business Services, 2000.
Boadi, Asɛm Kwasi. Twi Kasa Mmara Ne Kasɛsoɔ.  Kumasi: Katawuri, 2005.
                            Attached files      
__________

Ọbádélé Kambon, PhD
Nana Kwame Pɛbi Date I, Ban mu Kyidɔmhene, Akuapem Mampɔn
Senior Research Fellow & Research Coordinator - Language, Literature and Drama Section
Institute of Kmtyw Studies - College of Humanities
Editor-in-Chief - Ghana Journal of Linguistics
Secretary (2015-2020) - Kmtyw Studies Association of Kmt
+233249195150 / +19192836824 | me@obadelekambon.com
www.obadelekambon.com | www.abibitumi.com
Room 115 IAS Kwame Nkrumah Complex
University of Ghana - Legon
Alternate Email: obkambon@staff.ug.edu.gh

Ọbádélé Kambon App

Abibitumi.com App

Csalaam

QuoteObadele Kambon;227831 wrote: Wobɛhwɛ a, Asantefoɔ de /r/, /d/ ne /l/ tumi sisi wɔn ho wɔn ho anan mu.
Te sɛ:
ware tumi yɛ /awadeɛ/ /awareɛ/ anaasɛ /awaleɛ/
Deɛ ɛdi kan ɛna deɛ ɛtɔ so mmienu pɛ na yɛtwerɔ.
Afei monhwɛ:
tare a ɛtumi dane /atadeɛ/ (anaasɛ /ataadeɛ/), /atareɛ/ (nnipa bi te sɛ Suhumfoɔ nso na wɔtaa ka no saa) anaasɛ, kasa mu, /ataleɛ/ (nanso yɛntwerɔ /ataleɛ/ da)
Nhwɛsoɔ foforɔ ne:
akwadaa a ɛtumi pue sɛ /akɔdaa/, /akɔraa/ anaasɛ /akɔlaa/

Yei nti na Asante Twi, wotumi hunu biribi te sɛ /afɔdeɛ/, /afɔreɛ/ anaasɛ /afɔleɛ/ (deɛ ɛtwa toɔ no deɛ, yɛntwerɔ, nanso ebinom ka)
Afei nso, ɛno nti na Asante Twi mu, yɛda so wɔ afɔrebɔ; afɔrebɔdeɛ, afɔremuka ne afɔrepono.

Ghana, Education Department of. Twi Nsɛm Nkorɛnkorɛ Kyerɛwbea.  Accra: Waterville Publishing House, 1971.
Anane, J.O. Advanced Akan Dictionary: Akuapim, Asante and Fante with Humans Names and Meanings. 2nd ed.  Anwomaso, GH: Prisebs Business Services, 2000.
Boadi, Asɛm Kwasi. Twi Kasa Mmara Ne Kasɛsoɔ.  Kumasi: Katawuri, 2005.
Aaah, mate. Saa wɔ nyansa wɔ mu. Meda wo ase pii.

"Abosom na ɛkyerɛ kɔmfoɔ ntwaho"
Mfomso kyerɛ nnipa nyansa, nti nea ɔse ɔmfomm da no, ahwere adeɛ.

Ɔbenfo Ọbádélé

QuoteCsalaam;227870 wrote: Aaah, mate. Saa wɔ nyansa wɔ mu. Meda wo ase pii.

"Abosom na ɛkyerɛ kɔmfoɔ ntwaho"
Yɛnni aseda.

Sent from my Uhuru Note using Abibitumi Kasa mobile app
__________

Ọbádélé Kambon, PhD
Nana Kwame Pɛbi Date I, Ban mu Kyidɔmhene, Akuapem Mampɔn
Senior Research Fellow & Research Coordinator - Language, Literature and Drama Section
Institute of Kmtyw Studies - College of Humanities
Editor-in-Chief - Ghana Journal of Linguistics
Secretary (2015-2020) - Kmtyw Studies Association of Kmt
+233249195150 / +19192836824 | me@obadelekambon.com
www.obadelekambon.com | www.abibitumi.com
Room 115 IAS Kwame Nkrumah Complex
University of Ghana - Legon
Alternate Email: obkambon@staff.ug.edu.gh

Ọbádélé Kambon App

Abibitumi.com App

Ɔbenfo Ọbádélé

@Tenkamenin bɛtumi twe > bɛtumi atwe

Menim sɛ sɛ yɛwɔ kasamu a ɛwɔ adeyɛ ntoasoɔ a, na adeyɛ a ɛtɔ so mmienu no na ɛde nsianimu no 'a'. Nanso, sɛ adeyɛ a ɛdi kan yɛ adeyɛdua a, ɛwɔ sɛ adeyɛ a ɛdi akyi nnye nsianimu 'a' ara, anaa?

I know that if a sentence has serial verbs, then the second verb takes the prefix 'a'. But if the first verb is an infinitive then it is not required that the verb that follow takes the prefix 'a'?

"Abosom na ɛkyerɛ kɔmfoɔ ntwaho"
Mfomso kyerɛ nnipa nyansa, nti nea ɔse ɔmfomm da no, ahwere adeɛ.

Ɔbenfo Ọbádélé

Ɛyɛ daakye kabea, ɛnsiiɛ kabea ɛne ayɛasie kabea na yɛde /a-/ si nneyɛɛ a ɛdidi soɔ no anim.

Sent from my GHANA-MADE RLG Uhuru Note BrilliantPhone using Abibitumi Kasa mobile app