Mfitiaseε/Ɔfrε
__________________________________________________ _
Onyankopɔn Twereduampɔn Kwame,
[Awusi o!]
Ɔdomankoma a wobɔɔ kuru bɔɔ krane krankye
[Awusi o!]
Wokɔɔ ko anaa kɔɔ bata,
[Awusi o!]
Na 'sono abubu dan,
[Awusi o!]
Asase a wodi amu a wosan ma yɛn aduane die, due due due dammirifua due, due ne amanehunu!
[Awusi o!]
Bosonopo, wo a wogyee afunu
[Awusi o!]
Nseɛdo asieeɛ mu prammiri
[Awusi o!]
Abosom nnuasa nyinaa ara, due o!
[Awusi o!]
Mmusuo
[Awusi o!]
eurasiane
[Awusi o!]
Ɔhaw
[Awusi o!]
Kɔkɔ damu
[Awusi o!]
Mogyabum ne mogyaguo
[Awusi o!]
Me Nananom, mo nyinaa firi atifi anafo apueeɛ ne atɔe ee! Dammirifua due ne abodwokyɛre!
[Awusi o!]
Nananom Nsamanfoɔ ee! monsɔre ɛ!
[Awusi o!]
Deɛ wawu asaman a ɛreka hɔ, monsɔre nkɔsi mo akwantu-'nomaa no soɔ
[Awusi o!]
Abibifoɔ a wɔayi mo adwo, montu mfiri ɛpom mfiri ahyɛn aseɛ, monni mo asɛm ho adanseɛ
[Awusi o!]
Deɛ wawu asaman a aka hɔ, monsɔre nkɔsi mo kokosofoɔ soɔ
[Awusi o!]
Mo a wɔbɔɔ mo duam faa mo nnommum,
[Awusi o!]
Montu mfiri ahwereɛ mfuo akɛseɛ ne asaawa mfuo akɛseɛ a ɛkɔɔ Twi kɔɔ Brɛman nni mo ho asɛm no ho adanseɛ
[Awusi o!]
Nananom Nsamanfoɔ, monsɔre o!
[Awusi o!]
Deɛ wawu asaman a aka hɔ, monsɔre nkɔsi mo akwantuo 'nomaa soɔ
[Awusi o!]
Deɛ ɔɔmo sɛn mo mene odum kɛseɛ bi soɔ
[Awusi o!]
Mo a mohinhim kisibidie dubaa soɔ
[Awusi o!]
A moakɔdane Onyankopasakyie namporɔweeɛ
[Awusi o!]
Monsiane nkɔpɛ mo nsɛm nkɔka mo ho asɛm mma emu nna hɔ
[Awusi o!]
Nananom Nsamanfoɔ e! Monsɔre ɛ!
[Awusi o!]
Deɛ wawu asaman a ɛretwɛn hɔ, monsɔre nkɔsi mo kokosofoɔ soɔ
[Awusi o!]
Nkyehama-mu-foɔ, mo a wɔkyekyeree mo twaa mo mmaa firi Brasil kɔ Mississippi
[Awusi o!]
Montia aderɛ so nkɔbɔ mo kaaseɛ
[Awusi o!]
Deɛ ɛwɔ Jamaica mu,
[Awusi o!]
Wɔ Cuba mu mfuo
[Awusi o!]
Wɔ Florida mu baka
[Awusi o!]
Mo Abibifoɔ a moretwɛn hɔ, montiam nkɔbɔ mo anom kaaseɛ
[Awusi o!]
Nananom Nsamanfoɔ ee! monsɔre ɛ!
[Awusi o!]
Deɛ wawu asaman a akɔka mu hɔ, monsɔre nkɔnsi mo sankɔfa 'nomaa no soɔ
[Awusi o!]
Ɛfiri Alabama kɔ Suriname,
[Awusi o!]
kɔpem Louisiana mu abodan,
[Awusi o!]
Momfiri hɔ o! Mo Abibifoɔ Nsamanfoɔ,
[Awusi o!]
Montu mfiri hɔ! Monkɔpɛ mo kaaseɛ nkɔbɔ o!
[Awusi o!]
Mmaa a wɔtotoo mo mmonaa
[Awusi o!]
Nhyɛsoɔ dwamannorɔ frafoɔ,
[Awusi o!]
Asae,
[Awusi o!]
A wɔhyehye mo dwerebee,
[Awusi o!]
Sraa mo ho amanehyeɛ de ntakra famm hɔ,
[Awusi o!]
Honamtoto, Nipaduatwa, Adwenetuo,
[Awusi o!]
Akyerehama-kyekyere ne anosie,
[Awusi o!]
Mo Abibifoɔ Nsamanfoɔ a!
[Awusi o!]
Nananom Nsamanfoɔ monsɔre ɛ!
[Awusi o!]
Deɛ wawu asaman monsɔre nkɔsi mo sankɔfa-anomaa soɔ
[Awusi o!]
Mo nyinaa mmra mmεgye nsuo
[Awusi o!]
Botaeε/Aseε
__________________________________________________ ______________
Na εne deεn? Ɛne sε, εnnε da yi na yεbεko!
[Awusi o!]
Saa Memeneda yi ara na yεbεgye awere wɔ atamfoɔ nsa mu
[Awusi o!]
Nsakrae ntira
[Awusi o!]
Treneesεm ntira
[Awusi o!]
Adεnnεnye ntira
[Awusi o!]
Nkwa ntira
Nhyirasrε
__________________________________________________ _____________
Yεsrε mo nkwa ne akwahosan
[Awusi o!]
Nyansa
[Awusi o!]
Akokoduru
[Awusi o!]
Ahoɔden
[Awusi o!]
Anihutumi
[Awusi o!]
Asotetumi
[Awusi o!]
Abibimandɔreɛ
[Awusi o!]
Duabɔ
__________________________________________________ __________
Na ɔtamfoɔ biara a ɔmpε yεn nkɔsoɔ biara no deε, ɔnwu awia ketekete
[Awusi o!]
Ɔbɔ bra biara a, mommma no nnyε yie
[Awusi o!]
Ɔnhwe aseε pɔtɔɔ na yεnkɔfo n'agyapadeε nyinaa
[Awusi o!]
N'asefoɔ nyinaa aseε nhye na εrenka baako koraa!
[Awusi o!]
Ogya nhye, ogya nhye, ogya nhye wɔn dwerebee!
[Awusi o!]
Awieε
__________________________________________________ ______________
Mommεhyira yεn a yεahyia ha yi nyinaa
[Awusi o!]
Mommεgye nsa yi nnom no prεko
[Awusi o!]
Momma mmusuo biara nka yεn
[Awusi o!]
Yεn a yεahyia ha yi nyinaa nkwa so.
[Mo ne kasa]
Beginning/Invocation
__________________________________________________ _____________
Great Shining One, Great-Tree-That-One-Leans-Upon-That-Does-Not-Fall, Saturday Born
[Awusi o!]
The Benefactor to the Masses who created all
[Awusi o!]
Have you gone to war or on an expedition,
[Awusi o!]
Because an elephant has destroyed the house,
[Awusi o!]
The earth who swallows the corpse who turns around and gives us food to eat,
[Awusi o!]
Consolations, consolations, consolations, for the catastrophe!
[Awusi o!]
Great Ocean who receives the corpses
[Awusi o!]
Abyss-dwelling spitting cobra
[Awusi o!]
All thirty Abosom, consolations o!
[Awusi o!]
Evil!
[Awusi o!]
Misfortune!
[Awusi o!]
Pain
Bloodletting and Slaughter!
[Awusi o!]
My ancestors, all of you from the north south east and west! Consolations for long-suffering and restlessness for not being avenged!
[Awusi o!]
Ancestral Spirits Arise!
[Awusi o!]
Lingering Spirit of the Dead rise up and possess your bird of passage.
[Awusi o!]
Those stolen Kmtyws step out of the ocean from the wombs of the ships and claim your story.
[Awusi o!]
Spirit of the Dead rise up,
[Awusi o!]
Lingering Spirit of the Dead rise up and possess your vessel.
[Awusi o!]
Those Kmtyws shackled in leg irons and enslaved,
[Awusi o!]
Step out of the acres of cane fields and cotton fields and tell your story.
[Awusi o!]
Spirit of the Dead rise up,
[Awusi o!]
Lingering Spirit of the Dead rise up and possess your bird of passage.
[Awusi o!]
Those lynched in the magnolias,
[Awusi o!]
swinging on the limbs of the weeping willows,
[Awusi o!]
who became vultures rotten meat,
[Awusi o!]
Step down and claim your story.
[Awusi o!]
Spirit of the Dead rise up,
[Awusi o!]
Lingering Spirit of the Dead rise up and possess your vessel.
[Awusi o!]
Those tied, bound, and whipped from Brazil to Mississippi
[Awusi o!]
Step out and tell your story.
[Awusi o!]
Those in Jamaica,
[Awusi o!]
in the fields of Cuba,
[Awusi o!]
in the swamps of Florida,
[Awusi o!]
the rice fields of South Carolina
[Awusi o!]
You waiting Kmtyws step out and tell your story.
[Awusi o!]
Spirit of the Dead rise up,
[Awusi o!]
Lingering Spirit of the Dead rise up and possess your bird of passage.
[Awusi o!]
From Alabama to Suriname,
[Awusi o!]
Up to the caves of Louisiana.
[Awusi o!]
Come out! You Kmtyw Spirits,
[Awusi o!]
Step out! And claim your stories.
[Awusi o!]
You raped,
[Awusi o!]
Slave bred,
[Awusi o!]
Castrated,
[Awusi o!]
Burned,
[Awusi o!]
Tarred and feathered,
[Awusi o!]
Roasted, chopped, lobotomized,
[Awusi o!]
Bound and gagged.
[Awusi o!]
You Kmtyw Spirits!
[Awusi o!]
Spirit of the Dead rise up,
[Awusi o!]
Lingering Spirit of the Dead rise up and possess your bird of passage.
[Awusi o!]
Aim/Reason for Invoking
__________________________________________________ ________________
What is it? It is that today on this day WE will fight!
[Awusi o!]
On this very Saturday WE will avenge Ourselves on Our enemies
[Awusi o!]
For Change
[Awusi o!]
For Justice
[Awusi o!]
For Balance
[Awusi o!]
For Life!
[Awusi o!]
Asking for Blessings
__________________________________________________ _____________
WE beg y'all for life and good health
[Awusi o!]
Wisdom
[Awusi o!]
Courage
[Awusi o!]
Strength
[Awusi o!]
Vision
[Awusi o!]
Hearing
[Awusi o!]
The expansion of the nation
[Awusi o!]
The Curse (my favorite section)
__________________________________________________ __________
And any enemy who doesn't want US to progress, let him or her die in the scorching sun
[Awusi o!]
if he or she attempts to live any life, don't let them do well
[Awusi o!]
Let them fall down utterly that WE may expropriate all their possessions
[Awusi o!]
Let all of their descendants burn without leaving a single one at all!
[Awusi o!]
Fire burn, fire burn, fire burn them utterly!
[Awusi o!]
The End
__________________________________________________ _______________
Y'all bless all of US who are gathered here
[Awusi o!]
Y'all receive this drink and drink all at once
[Awusi o!]
Y'all don't let any evil fall upon US
[Awusi o!]
All of US who are gathered here, life!
[Congratulations for speaking]
Ɔbenfo, mepa wo kyɛw apeɛ nyinaa di saa ɔkwan yi so (mfitiase-awieɛ) anaa?
Sent from my Infinix NOTE 2 using Abibitumi Kasa mobile app (http://r.tapatalk.com/byo?rid=88213)
Mansa Kankan Munited snakes;195445 wrote: Ɔbenfo, mepa wo kyɛw apeɛ nyinaa di saa ɔkwan yi so (mfitiase-awieɛ) anaa?
Sent from my Infinix NOTE 2 using Abibitumi Kasa mobile app (http://r.tapatalk.com/byo?rid=88213)
Apaeɛ*
Sent from my Infinix NOTE 2 using Abibitumi Kasa mobile app (http://r.tapatalk.com/byo?rid=88213)
Mansa Kankan Munited snakes;195445 wrote: Ɔbenfo, mepa wo kyɛw apeɛ nyinaa di saa ɔkwan yi so (mfitiase-awieɛ) anaa?
Sent from my Infinix NOTE 2 using Abibitumi Kasa mobile app (http://r.tapatalk.com/byo?rid=88213)
Ɛtɔ da bi a wobɛhunu nsakraeɛ kakra wɔ mu, nanso ne nhyehyɛɛ kwan no ara nie. Hwɛ 'Akan Verbal Taboos' a Ɔpanin Kofi Agyekum twerɔeɛ no.
Sent from my Uhuru Accu using Abibitumi Kasa mobile app (http://r.tapatalk.com/byo?rid=88213)
Mpaeɛ no ɛmu duru pa ara!
Apaeɛ no mu yɛ duru pa ara!
Meda ase.
Sent from my GHANA-MADE RLG Uhuru Accu BrilliantPhone using the NEW Abibitumi Kasa mobile app
Wiɛ! Ahoɔden wɔ apaeɛ yi mu
"Abosom na ɛkyerɛ kɔmfoɔ ntwaho"
Meda wo ase.
Sent from my Uhuru Note using Abibitumi Kasa mobile app (http://r.tapatalk.com/byo?rid=88213)
Meda wo ase pa pa paaa.:Kmt: